Krɔbea yirefie, Ampa sɛkyi kɔtɔkɔ. Okutukuru duo gyinampɔn Duodu. Yɛrekrukru, akrakra, afrɛfrɛ Amansan ne Asanteman, Akɔse Ɔtumfoɔ Ɔsɛe Tutu a, ɔtɔ so mmienu; Asanteman wura, ɔte kɔkɔɔ soɔ, Ama no due sɛ: Ɔhene maame Asantehemaa, Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem a, ɔtɔ so mmienu. Asɛm kɛseɛ a, ɛkura dɔm. Asantehemaa a, ɔwo anini, wo aberempɔn, wo ahene, Ɔwoo Ɔsɛe Tutu a, ɔtɔ so mmienu. Wada nna hoo, Afa so atu akwantupɔn. Ama Asanteman abɔ nnyinen. Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem, a ɔtɔ so mmienu, Yɛaduru akuroforo so o! Yɛrekaekae Nana Nyako Kusi Amoa, Nana Ntim Nkɛtia Abamo, Nana Akua Afriyie, ɛne Nana Konadu Yiadɔm a, ɔdi kan. Ɛne sɛ, mmerɛ a, Nana Akɔsoa Adoma, Nana Yaa Sɛɛwa a, ɔdi kan, Nana Yaa Dufie, Nana Afia Sapɔn nom dii kan. Na ɔde akyire gyaa Nana Afia Kobi a, ɔdi kan, Nana Yaa Akyaa, Nana Konadu Yiadɔm a, ɔtɔ so mmienu, ɛne Nana Ama Sɛɛwa Nyako a, ɔtɔ so mmienu. Ɔsan de akyire gyaa Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem a, ɔtɔ so mmienu, Nana Asantehemaa. Ɛnɛ, asɛm kɛseɛ aka abutu o! Oyoko ɔdehyeɛ kronkron, Aduampɔfiri Antwi Kɔtɔkɔ Hemaa, Asansa Krokotie kɔ a, Yɛdi wo afofi ne ama ntenaeɛ. Woafoɔ koaku kwansuro. Ɔtumfoɔ maame asɛm kɛseɛ a, Ɛyɛ no pempem ankoma. Kum apem a, apem bɛba. Kɔtɔkɔ Hemaa nom ne dadebua no prɛko pɛ o! Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem a, ɔtɔ so mmienu e! Asantehemaa! Damirifa due ne amanehunu! Enti Ɔtumfoɔ Ɔsɛe Tutu a, ɔtɔ so mmienu, Asantehene a, ɔte kɔkɔɔ soɔ, Kumase Nananom Ahenfo Atenaeɛ (Kumase Traditional Council), Ɛne Asanteman “Traditional Council”, Ɛne Asanteman nyinaa, Ɛrese amansan nyinaa sɛ, Asantehemaa Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem, a ɔtɔ so mmienu, Ɔtumfo Ɔsɛe Tutu a, ɔtɔ so mmienu maame, Aberewatia atoa nananom wɔ nsiedo. Enti Yawoada, bosome a, ɛtɔ so edu-mmienu da a, ɛtɔ so aduonunan, Ɛna wɔbɛdi Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem a, ɔtɔ so mmienu, Asantehemaa Nnawɔtwe wɔ Ɔtumfoɔ Ahenfie Kumase Manhyia Dwaberɛm. Ama dɔm abɛma Ɔtumfoɔ ne Asanteman nyinaa yaakɔ. Na wagyina so ɛde ama Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem, Asantehemaa Akwantu kɛseɛ yi ho nhyehyɛeɛ ato amansan nyinaa anim. Nana Asantehemaa e! Ɔsamanpɔ na yɛto ne ba din o! Neɛ wadi kan na yɛtu n'akyiri (de) gya. Obugudaga di worɔ worɔ kɔtɔ a, wonim sika fiberɛ. Ahoɔfɛ dua Oyoko ɔdehyepɔn a, wode wo nsa edu si wo bo(ɔ). Nana Afia Kobi Sɛɛwa Ampem, a ɔtɔ so mmienu, Ɔtumfoɔ Ɔsɛe Tutu a, ɔtɔ so mmienu maame. Damirifa due oo, due! Damirifa due a, obirina! Damirifa due a, ebu!