Bosomtwe Ɔtareɛ/Tadeɛ Abakɔsɛm
Ɛbɛyɛ afe 1650 mu no, ɔbɔmmɔfoɔ bi kɔɔ aha. Ɔbɔfoɔ no na yɛfrɛ no Akora Bimpɛ. Na kuro a, ɔfiri so ne Asaman.
Akora Bimpɛ too ɔtwe bi tuo maa ɔpirae wɔ kwaeɛ bi mu, na mmom ɔanwu. Ɔtwe no hyɛɛ aseɛ sɛ ɔredwane. Ɔbɔfoɔ no pamoo ɔtwe no. Ɔtwe no redwane no ara na ɔkɔtɔɔ ɔtareɛ/tadeɛ [nsuo a, ɛtare faako] bi a, na ɛwɔ kwaeɛ mu hɔ. Afei ɔtwe no yeraaeɛ.
Ɛyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ na ɔtareɛ no pɛ sɛ ɔde ɔtwe no sie. Ɔbɔfoɔ no anhunu ɔtwe no da. Ɔbɔfoɔ no tenaa baabi a ɔtwe no yeraaeɛ no. Efiri hɔ rekorɔ no, ɔgyae ahayɔ no, hyɛɛ aseɛ yii mpaterɛ firii ɔtareɛ a, ɔtwe no yeraa wɔ mu no.
Afei bio, na Akora Bimpɛ dwene sɛ ɔtareɛ a ɔtwe no yeraa wɔ mu no yɛ bosom, nti na ɔgyee ɔtwe no nkwa no. Ɛno nti ɔtoo ɔtareɛ no din Bosom Twe. Nti na wɔfrɛ saa ɔtareɛ no nnɛ Bosomtwe no.
Ɛdin no kyerɛ sɛ: “Bosom a ɔgyee ɔtwe nkwa”.
Ɔgyefuiɛ 4, 2016











